4 Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panyin Hilkia+ ne asɔfo a wodi hɔ no ne apon ano ahwɛfo+ no sɛ wonyiyi anwenne a wɔyɛ maa Baal+ ne ɔbosom dua+ no ne ɔsoro asafo+ nyinaa no mfi Yehowa asɔredan no mu. Afei ɔkɔhyew ne nyinaa wɔ Yerusalem kurotia, Kidron+ ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nsõ no kɔɔ Betel.+
4 Bio nso, ɔhwɛ ma wobubuu Baal+ afɔremuka+ no, na aduhuam ade+ a ɛwowɔ soro no, otwitwae, na abosonnua+ ne ahoni a wɔasen+ ne dade ahoni no, ɔyam no dukuduku+ de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔre wɔ so no adamoa so.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “metwa ahoni din afi asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo+ ne honhom fĩ nyinaa nso afi asase no so.+