Dwom 18:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wusiw fii ne hwenem, na n’anom gya nso hyew ade;+Nsramma dɛw fii ne mu. Yeremia 23:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “So m’asɛm nte sɛ ogya,”+ Yehowa asɛm ni, “ɛnte sɛ asae a ebubu ɔbotan pasaa?”+ Hebrifo 12:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Efisɛ yɛn Nyankopɔn te sɛ ogya a ɛhyew ade+ nso.