21 Na w’ankasa hwɛ nkurɔfo no mu paw mmarima a wɔfata,+ wosuro Onyankopɔn,+ wodi nokware,+ na wɔnyɛ adifudepɛ;+ yɛ wɔn mpanyimfo wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so.
15 Enti miyii wɔn a wɔdeda mo mmusua ano, mmarima anyansafo a wɔwɔ suahu, yɛɛ wɔn mpanyimfo de wɔn tuatuaa nnipa apem biara ano, ɔha biara ano, aduonum biara ano, ne du biara ano, na mepaw mo mmusua so atitiriw.+
12 ɔde wɔn bɛyɛ apem apem so ahwɛfo+ ne aduonum aduonum so ahwɛfo,+ na ebinom befuntum n’asase+ na wɔatwa ne nnɔbae,+ na wɔn na wɔbɛyeyɛ n’akode+ ne ne nteaseɛnam ho nneɛma.+