16 Ɛnna ɔman no fii adi kɔfow+ Siriafo nsra no mu nneɛma; enti esiam susukora biako bo bɛyɛɛ dwetɛbona biako, na atoko susukora abien bo bɛyɛɛ dwetɛbona biako sɛnea Yehowa kae no.+
13 Ɛnna Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tiw wɔn koduu Gerar,+ na Etiopiafo no totɔe kosii sɛ wɔn nyinaa wuwui. Wɔyɛɛ wɔn pasaa Yehowa+ ne n’asafo+ no anim. Afei wɔfaa asade bebree pa.+
25 Enti Yehosafat ne ne nkurɔfo no bɛfow wɔn ho asade+ no, na wohuu nneɛma ne ntade ne anwenne a ɛsom bo pii wɔ wɔn ho; woyiyi fae kosii sɛ wɔantumi ansoa bio.+ Nnansa na wɔde fow nneɛma no, efisɛ na ɛdɔɔso.