3 Mo na moawe me nkurɔfo nam,+ na moaworɔw wɔn ho were abubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no asinasin sɛ nnompe a wɔde agu kuku mu ne nam a egu kwansɛn mu.+
5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.