20 Ɛno nti, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Wobehwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu ha+ yi ne adesamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhyew na ɛrennum.’+
47 Na ka kyerɛ anafo fam kwae sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Mede ogya bɛto wo mu+ ma ahyew dumono ne duwui biara.+ Na ogyaframa no rennum,+ na efi anafo kosi atifi, obiara anim* bɛhyew.+