56 Ɔsɛefo+ no bɛba Babilon so, na ne nnɔmmarima no, wɔbɛkyere wɔn.+ Wobebubu wɔn agyan mu pasaa,+ efisɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a otua bɔne so ka.+ Otua de, obetua ka.+
10 Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Awurade Tumfoɔ,+ ɔkronkronni ne ɔnokwafo,+ wobɛtwentwɛn wo nan ase akosi da bɛn na woabu atɛn+ atua asase sofo ka yɛn mogya+ ho?”