9 Saa da no nnipa bɛka sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn ni!+ Yɛde yɛn ani ato no so,+ na obegye yɛn.+ Yehowa ni.+ Yɛde yɛn ani ato no so. Momma yɛn ani nnye na yenni ne nkwagye mu ahurusi.”+
7 Nanso mehu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me Yehowa wɔn Nyankopɔn, megye wɔn,+ na ɛnyɛ agyan anaa nkrante anaa ɔko anaa apɔnkɔ anaa apɔnkɔsotefo so na mɛfa agye wɔn.”+