21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfo+ bɛpopaa Asiria hene nsraban+ mu mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ ne wɔn mpanyimfo ne wɔn asahene nyinaa, na ɔde animguase san kɔɔ n’asase so. Akyiri yi, ɔkɔɔ ne nyame fie, na ɔno ara n’asen mu mma de nkrante kum no.+
38 Ɛbae sɛ bere a ɔkɔɔ ne nyame+ Nisrok+ fie kɔkotowee no, n’ankasa mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no,+ na woguan kɔɔ Ararat+ asase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bedii n’ade.