8 Ɔkwan bi, ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ;+ na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron.+ Na nea ne ho ntew remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so, na nkwaseafo remfa so.
3“Hwɛ, meresoma me bɔfo+ adi m’anim abesiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafo a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfo+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirim. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na waka.+