Dwom 115:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+ Dwom 135:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+ Yesaia 37:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na wɔtow wɔn anyame guu ogya mu,+ efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo, enti wɔsɛee wɔn.+ Yesaia 41:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Odwumfo hyɛ ɔtomfo den,+ na nea ɔde asae yɛ ho toromtorom no hyɛ nea ɔbɔ ɔtommo so no den, na nea wɔasosɔw abom no nso, ɔka ho asɛm sɛ: “Eye.” Afei obiako de nnadewa bobom na anhinhim.+ Hosea 8:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Eyi fi Israel.+ Samaria nantwi ba no yɛ odwumfo nsa ano adwuma,+ na ebebubu pasaa+ efisɛ ɛnyɛ Onyankopɔn.
19 Na wɔtow wɔn anyame guu ogya mu,+ efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo, enti wɔsɛee wɔn.+
7 Odwumfo hyɛ ɔtomfo den,+ na nea ɔde asae yɛ ho toromtorom no hyɛ nea ɔbɔ ɔtommo so no den, na nea wɔasosɔw abom no nso, ɔka ho asɛm sɛ: “Eye.” Afei obiako de nnadewa bobom na anhinhim.+
6 Eyi fi Israel.+ Samaria nantwi ba no yɛ odwumfo nsa ano adwuma,+ na ebebubu pasaa+ efisɛ ɛnyɛ Onyankopɔn.