22 sɛ nna a Yudafo home fii wɔn atamfo+ nsam ne ɔsram a awerɛhow+ danee anigye na osu danee ahosɛpɛw no, na wɔmma ɛnyɛ apontow ne anigye ne adekyɛ+ nna, na wɔnyɛ ahiafo ayɛ.+
9 Saa da no nnipa bɛka sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn ni!+ Yɛde yɛn ani ato no so,+ na obegye yɛn.+ Yehowa ni.+ Yɛde yɛn ani ato no so. Momma yɛn ani nnye na yenni ne nkwagye mu ahurusi.”+