Genesis 28:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Medi w’akyi na baabi a wobɛkɔ biara mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asase yi so,+ na merennyaw wo gye sɛ mayɛ nea maka akyerɛ wo yi nyinaa.”+ Dwom 94:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Yehowa rempo ne man,+Na ɔrennyaw n’agyapade,+ Yesaia 42:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Mɛma anifuraefo anantew kwan a wonnim so so,+ na mɛma wɔafa tempɔn a wɔmfaa so da so.+ Mɛma wɔn anim sum adan hann,+ na nea ɛhɔ yɛ abonkyiabonkyi adan asasetamaa.+ Eyi na mɛyɛ ama wɔn, na merennyaw wɔn.”+ Hebrifo 13:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mommma sikanibere+ mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ+ no ara nnɔɔso mma mo.+ Na waka sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”+
15 Medi w’akyi na baabi a wobɛkɔ biara mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asase yi so,+ na merennyaw wo gye sɛ mayɛ nea maka akyerɛ wo yi nyinaa.”+
16 Mɛma anifuraefo anantew kwan a wonnim so so,+ na mɛma wɔafa tempɔn a wɔmfaa so da so.+ Mɛma wɔn anim sum adan hann,+ na nea ɛhɔ yɛ abonkyiabonkyi adan asasetamaa.+ Eyi na mɛyɛ ama wɔn, na merennyaw wɔn.”+
5 Mommma sikanibere+ mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ+ no ara nnɔɔso mma mo.+ Na waka sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”+