Genesis 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse; na yɛ nhyira ma afoforo.+ Genesis 15:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso mebu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na wɔde agyapade bebree befi hɔ akɔ.+ Yosua 21:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo bɔ no mu biako mpo antɔ fam; ne nyinaa baa mu.+ 1 Ahene 8:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na ɔkae sɛ: “Nhyira nka Yehowa,+ Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ me papa Dawid,+ na ɔnam ne nsa so ama aba mu+ no; ɔno na ɔkae sɛ,
15 Na ɔkae sɛ: “Nhyira nka Yehowa,+ Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ me papa Dawid,+ na ɔnam ne nsa so ama aba mu+ no; ɔno na ɔkae sɛ,