Dwom 18:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee,+Mmepɔw nnyinaso nso wosowee,+N’abufuw nti, ɛwosow biribiri.+ Yeremia 4:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ! na ɛrewosow, na nkoko nyinaa nso rehinhim.+ Sefania 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Saa da no yɛ abufuhyew da, ahohia ne ahoyeraw da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ omununkum ne esum kabii da,
15 Saa da no yɛ abufuhyew da, ahohia ne ahoyeraw da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ omununkum ne esum kabii da,