Yesaia 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ma ɔman no mpirim wɔn koma+ na wonsen wɔn aso.+ Na ka wɔn ani fomfam so na wɔamfa wɔn aniwa anhu ade, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn koma ante ase na wɔansakra annya ayaresa.”+ Yesaia 29:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Saa da no, asotifo bɛte nhoma no mu nsɛm,+ na anifuraefo befi kusuuyɛ ne esum mu ahu ade.+ Yesaia 43:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Fa ɔman a wɔwɔ aniwa nanso wɔyɛ anifuraefo, ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔyɛ asotifo no bra.+
10 Ma ɔman no mpirim wɔn koma+ na wonsen wɔn aso.+ Na ka wɔn ani fomfam so na wɔamfa wɔn aniwa anhu ade, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn koma ante ase na wɔansakra annya ayaresa.”+