Yesaia 35:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Gyata biara remma hɔ, na akekaboa biara remfa so.+ Wɔrenhu bi wɔ hɔ;+ wɔn a wɔatɔ wɔn afi nkoasom mu no na wɔbɛfa so.+ Yesaia 44:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+ Yeremia 50:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Wɔn Gyefo no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Odi na obedi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfo ahometew.”+
9 Gyata biara remma hɔ, na akekaboa biara remfa so.+ Wɔrenhu bi wɔ hɔ;+ wɔn a wɔatɔ wɔn afi nkoasom mu no na wɔbɛfa so.+
23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+
34 Wɔn Gyefo no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Odi na obedi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfo ahometew.”+