20 na ama nnipa ahu ate ase, na wɔde ato wɔn koma so na wɔahu no fann wɔ wɔn adwenem prɛko sɛ Yehowa nsa na ayɛ eyinom, na Israel Kronkronni no ankasa na ɔbɔe.”+
34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+