Dwom 33:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+Ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.+ Yesaia 41:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Israel, woyɛ m’akoa;+ Yakob, wo na mapaw wo,+ m’adamfo Abraham+ aseni.+ Yesaia 44:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 “Afei m’akoa Yakob+ tie, Israel a mapaw wo.+ 1 Petro 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa nkyerɛ.”+
9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa nkyerɛ.”+