6 “Enti ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Mene Yehowa, na meyi mo afi Egyptfo nnesoa ase na magye mo afi wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu ateɛ ne atemmu kɛse na ebegye mo.+
17 Nea Yehowa, wo Gyefo,+ Israel Kronkronni no,+ se ni: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo,+ nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.+