9 Aman nyinaa mmoaboa wɔn ho ano faako, na amanaman nka mmom.+ Wɔn mu hena na obetumi aka eyi?+ Anaa wɔn mu hena na obetumi ama yɛate kan nneɛma no ho asɛm?+ Wɔmfa wɔn adansefo+ mmra na wommu wɔn bem, anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokware!’”+
21 Monkasa, momfa mo asɛm nto gua.+ Momma wontu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyinom fi teteete?+ Hena na ɔkaa ho asɛm fi saa bere no?+ Ɛnyɛ me Yehowa? Me na m’akyi no Onyankopɔn foforo biara nni hɔ,+ Onyankopɔn teefo ne Agyenkwa;+ obiara nni hɔ sɛ me.+