Yesaia 1:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Wɔde atɛntrenee begye Sion,+ na wɔde trenee agye+ ne mma a wɔbɛsan aba no. Yesaia 48:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Mumfi Babilon!+ Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn.+ Momfa anigye nto ahurusi dwom, na momma wɔnte eyi.+ Momma ennu asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ Yesaia 59:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Ogyefo+ no bɛba Sion,+ ɔbɛba Yakob mu nnipa a wɔasan afi bɔne ho no nkyɛn,”+ Yehowa na waka. 1 Korintofo 6:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 efisɛ wɔtɔɔ mo aboɔden.+ Ɔkwan biara so, monhyɛ Onyankopɔn anuonyam+ wɔ mo nipadua+ mu.
20 Mumfi Babilon!+ Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn.+ Momfa anigye nto ahurusi dwom, na momma wɔnte eyi.+ Momma ennu asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+