21 Eyi maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kosii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wiei.+ Nna dodow a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kosii sɛ mfe aduɔson dui.+
10 Na kurow dennen no bɛda mpan. Wɔbɛma mmoa adidibea ada ntuw na wɔagyaw ato hɔ sɛ sare pradada.+ Ɛhɔ na nantwi ba bedidi, na obebutuw hɔ awe ne mmãã.+
11 Enti esiane sɛ mugye afuw so tow fi ɔbrɛfo hɔ, na mugye awi sɛ tow fi ne hɔ nti,+ mode abo a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+