26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wosiesiei, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no fi anɔpa kosii owigyinae sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne+ bi, na obi nso annye so.+ Saa bere no nyinaa na wɔrehuruhuruw twa afɔremuka a wɔasi no ho hyia.
38 Ɛbae sɛ bere a ɔkɔɔ ne nyame+ Nisrok+ fie kɔkotowee no, n’ankasa mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no,+ na woguan kɔɔ Ararat+ asase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bedii n’ade.
28 “Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he?+ Sɛ wobetumi agye mo wɔ mo amanehunu bere mu a,+ momma wɔnsɔre. Sɛnea mo nkurow dodow te no, saa ara na mo anyame nso dodow te, O Yuda.+
5 Afei na hyɛn no mu adwumayɛfo suro, enti obiara su frɛɛ ne nyame.+ Na wofii ase yiyii nneɛma a ɛwɔ hyɛn no mu tow guu po no mu sɛnea emu bɛyɛ hare.+ Saa bere yi na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada+ hatee.