2 Enti ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfo+ ne nkonyaayifo ne asumanfo ne Kaldeafo no mmra na wɔmmɛka ɔhene adae no nkyerɛ no.+ Na wɔbae begyinagyinaa ɔhene anim.
8 Nanso ahufo ne wɔn a wonni gyidi+ ne wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne+ ne awudifo+ ne aguamammɔfo+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne abosonsomfo+ ne atorofo+ nyinaa de, wobenya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya+ ne sufre+ dɛw wom no mu. Eyi ne owuprenu no.”+