Mmebusɛm 24:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nkwasea ahohwibra yɛ bɔne,+ na ɔfɛwdifo yɛ adesamma akyide.+ Yeremia 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Wɔapo Yehowa na wɔka sɛ, ‘Onni hɔ.+ Mmusu bi remma yɛn so, na yɛrenhu nkrante anaa ɔkɔm nso.’+ Yeremia 17:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Hwɛ, ebinom ka kyerɛ me sɛ: “Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ?+ Ma ɛmmra mu ɛ.” Hesekiel 12:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Onipa ba, akasabebu bɛn na mowɔ wɔ Israel asase so+ sɛ, ‘Nna abɛsen kɔ,+ na anisoadehu biara ayera’+ yi? Amos 5:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “‘Wɔn a wɔn ani agyina Yehowa da no nnue!+ Yehowa da no bɛkyerɛ dɛn ama mo?+ Ɛyɛ sum bere na ɛnyɛ hann.+
22 “Onipa ba, akasabebu bɛn na mowɔ wɔ Israel asase so+ sɛ, ‘Nna abɛsen kɔ,+ na anisoadehu biara ayera’+ yi?
18 “‘Wɔn a wɔn ani agyina Yehowa da no nnue!+ Yehowa da no bɛkyerɛ dɛn ama mo?+ Ɛyɛ sum bere na ɛnyɛ hann.+