1 Samuel 12:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na Yehowa din kɛse no nti,+ ɔrennyaw+ ne man, efisɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.+ Dwom 25:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 O Yehowa, wo din nti,+Fa me mfomso firi me, na ɛdɔɔso pii.+ Dwom 79:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 O yɛn nkwagye Nyankopɔn, boa yɛn,+Wo din anuonyam nti;+Gye yɛn nkwa, na kata yɛn bɔne so, wo din nti.+ Yeremia 14:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O Yehowa, sɛ yɛn bɔne di adanse tia yɛn mpo a, wo din nti yɛ ho biribi,+ na yɛn mmarato adɔɔso;+ wo na yɛayɛ wo bɔne.+
9 O yɛn nkwagye Nyankopɔn, boa yɛn,+Wo din anuonyam nti;+Gye yɛn nkwa, na kata yɛn bɔne so, wo din nti.+
7 O Yehowa, sɛ yɛn bɔne di adanse tia yɛn mpo a, wo din nti yɛ ho biribi,+ na yɛn mmarato adɔɔso;+ wo na yɛayɛ wo bɔne.+