Yesaia 41:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 “Nsuano aman, monyɛ komm ntie me;+ na amanaman+ nnya ahoɔden foforo. Ma wɔmmra+ mmɛkasa. Momma yemmom nhyia asɛnnii.+ Yesaia 42:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔrengow na ɔremmotow kosi sɛ ɔde atɛntrenee besi asase so,+ na nsuano aman bɛtwɛn ne mmara.+ Yesaia 51:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Me trenee abɛn.+ Me nkwagye+ befi adi, na me basa bebu aman atɛn.+ Nsupɔw de wɔn ho bɛto me so,+ na wɔbɛtwɛn me basa.+ Yesaia 60:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nsuano aman nyinaa de wɔn ani bɛto me so,+ na Tarsis ahyɛn+ nso bɛyɛ sɛ kan no na ɛde wo mma afi akyirikyiri aba.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn ne Israel Kronkronni+ no din nti,+ wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sika bɛba,+ efisɛ ɔno na ɔbɛhyɛ wo anuonyam.+
41 “Nsuano aman, monyɛ komm ntie me;+ na amanaman+ nnya ahoɔden foforo. Ma wɔmmra+ mmɛkasa. Momma yemmom nhyia asɛnnii.+
5 Me trenee abɛn.+ Me nkwagye+ befi adi, na me basa bebu aman atɛn.+ Nsupɔw de wɔn ho bɛto me so,+ na wɔbɛtwɛn me basa.+
9 Nsuano aman nyinaa de wɔn ani bɛto me so,+ na Tarsis ahyɛn+ nso bɛyɛ sɛ kan no na ɛde wo mma afi akyirikyiri aba.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn ne Israel Kronkronni+ no din nti,+ wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sika bɛba,+ efisɛ ɔno na ɔbɛhyɛ wo anuonyam.+