8 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfo a wɔahwete ano+ no aka ni: “Mɛboaboa nnipa foforo ano aka ne nkurɔfo a maboaboa wɔn ano dedaw no ho ama no.”+
37 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo+ no na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo+—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase!+ Nanso moampɛ.+