Yesaia 10:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 “Saa da no Asiria adesoa befi wo mmati so,+ na ne kɔndua befi wo kɔn ho,+ na ngo nti, kɔndua no asɛe.”+ Yesaia 52:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma+ na sɔre tena ase. Sion babea a wɔafa wo dommum, san ahama a ɛkyekyere wo kɔn no.+ Yeremia 29:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+ Yeremia 50:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Wɔn Gyefo no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Odi na obedi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfo ahometew.”+ Sakaria 9:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “O ɔbea, w’apam mogya+ nti meyi wo nneduafo+ afi amoa a nsu nnim mu.
27 “Saa da no Asiria adesoa befi wo mmati so,+ na ne kɔndua befi wo kɔn ho,+ na ngo nti, kɔndua no asɛe.”+
2 Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma+ na sɔre tena ase. Sion babea a wɔafa wo dommum, san ahama a ɛkyekyere wo kɔn no.+
10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+
34 Wɔn Gyefo no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Odi na obedi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfo ahometew.”+