13 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, sɛ Yehowa ka yɛn ho ampa a, dɛn nti na awie yɛn sɛɛ yi?+ N’anwonwade+ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn+ no wɔ he? Wɔkae sɛ, ‘Ɛnyɛ Egypt na Yehowa yii yɛn fii?’+ Na afei de Yehowa apo yɛn,+ na ɔde yɛn ahyɛ Midianfo nsa.”
10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tiaa Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asase so nyinaa,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm;+ na wode nyaa din+ de abesi nnɛ.