34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
10 “‘Eyi ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi,’ Yehowa asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛkyerɛw wɔ wɔn koma mu.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na wɔn nso ayɛ me man.+