Mmebusɛm 16:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so,+ nanso n’awiei yɛ owu kwan.+ Mmebusɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari koma.+ Daniel 4:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 “Afei me, Nebukadnesar, miyi ɔsoro Hene no ayɛ na mema no so hyɛ no anuonyam,+ efisɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee,+ na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.”+ Hosea 14:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hena ne onyansafo a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hena ne ɔbadwemma a obehu?+ Yehowa akwan teɛ,+ na treneefo na wɔbɛfa so;+ nanso mmaratofo bɛwatiriw wɔ so.+
37 “Afei me, Nebukadnesar, miyi ɔsoro Hene no ayɛ na mema no so hyɛ no anuonyam,+ efisɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee,+ na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.”+
9 Hena ne onyansafo a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hena ne ɔbadwemma a obehu?+ Yehowa akwan teɛ,+ na treneefo na wɔbɛfa so;+ nanso mmaratofo bɛwatiriw wɔ so.+