1 Beresosɛm 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Wuram nnua nso, momma ne nyinaa nto ahurusi dwom Yehowa anim,+Efisɛ waba sɛ ɔrebebu asase atɛn.+ Dwom 47:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 47 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam.+Momfa ahurusi nne mmɔ ose mma Onyankopɔn.+ Yesaia 44:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+
23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+