2 Beresosɛm 36:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Eyi maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kosii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wiei.+ Nna dodow a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kosii sɛ mfe aduɔson dui.+ Yesaia 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mo asase adan amamfõ,+ na wɔde ogya ahyew mo nkurow.+ Ahɔho+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe te sɛ nea ahɔho abutuw no.+ Yesaia 3:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Kurow no ano pon besu adi awerɛhow,+ na ɛbɛda mpan. Ɔbɛtena fam tim.”+ Yesaia 24:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Hwɛ, Yehowa resɛe asase no ma ada mpan.+ Wadan asase no ani abutuw+ ama ɛsofo ahwete.+
21 Eyi maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kosii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wiei.+ Nna dodow a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kosii sɛ mfe aduɔson dui.+
7 Mo asase adan amamfõ,+ na wɔde ogya ahyew mo nkurow.+ Ahɔho+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe te sɛ nea ahɔho abutuw no.+