-
2 Beresosɛm 28:15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Ɛnna mmarima a wɔbobɔɔ wɔn din+ yiyii wɔn no sɔree, na wɔfaa nnommum no, na wɔn a wɔdeda adagyaw no, wɔde asade no bi hyehyɛɛ wɔn. Enti wɔhyehyɛɛ wɔn ntade+ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduan+ ne nea wɔbɛnom,+ na wɔsraa wɔn. Afei nso, wɔn a wontumi nnantew nyinaa, wɔde wɔn tenatenaa mfurum so+ de wɔn baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Yeriko,+ mmɛ kurow+ no mu. Ɛno akyi no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Samaria.+
-