Yesaia 49:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na wobɛka wɔ wo komam sɛ, ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? Meyɛ ɔbea a mahwere me mma na meyɛ obonin, na wɔfaa me dommum de me kɔe sɛ ɔdeduani,+ enti hena na ɔtetee eyinom?+ Wogyaw me nkutoo,+ na eyinom de, wofi he?’”+ Hagai 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “‘Na mɛwosow amanaman nyinaa, na aman nyinaa mu nnepa bɛba,+ na mede anuonyam bɛhyɛ ofie yi mã,’+ asafo Yehowa na waka. Yohane 10:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “Mewɔ nguan foforo+ a womfi ban yi mu;+ wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wobetie me nne,+ na wɔabɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.+ Adiyisɛm 7:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na mpanyimfo+ no mu biako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntade tenten fitafitaa+ yi yɛ henanom na wofi he?”
21 Na wobɛka wɔ wo komam sɛ, ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? Meyɛ ɔbea a mahwere me mma na meyɛ obonin, na wɔfaa me dommum de me kɔe sɛ ɔdeduani,+ enti hena na ɔtetee eyinom?+ Wogyaw me nkutoo,+ na eyinom de, wofi he?’”+
7 “‘Na mɛwosow amanaman nyinaa, na aman nyinaa mu nnepa bɛba,+ na mede anuonyam bɛhyɛ ofie yi mã,’+ asafo Yehowa na waka.
16 “Mewɔ nguan foforo+ a womfi ban yi mu;+ wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wobetie me nne,+ na wɔabɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.+
13 Na mpanyimfo+ no mu biako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntade tenten fitafitaa+ yi yɛ henanom na wofi he?”