9 Saa da no nnipa bɛka sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn ni!+ Yɛde yɛn ani ato no so,+ na obegye yɛn.+ Yehowa ni.+ Yɛde yɛn ani ato no so. Momma yɛn ani nnye na yenni ne nkwagye mu ahurusi.”+
26 Mɛma wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa nam, na wɔn ankasa mogya bɛbow wɔn te sɛ nsã fremfrem. Na ɔhonam nyinaa behu sɛ me Yehowa,+ mene w’Agyenkwa+ ne wo Gyefo,+ Yakob Tumfoɔ no.”+