3 Enti momma yɛne Onyankopɔn nyɛ apam,+ na yɛmma mmea no ne wɔn mma a wɔawo wɔn no nkɔ+ sɛnea Yehowa ne wɔn a wɔn ho popo+ yɛn Nyankopɔn mmara+ ho no akwankyerɛ te; momma yɛnyɛ no sɛnea mmara+ no aka.
2 Yehowa asɛm ni: “Nneɛma yi nyinaa, me nsa na ɛyɛe, na saa na ɛyɛe a ne nyinaa bae.+ Na nea mɛhwɛ no ne obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotow,+ na ne ho popo wɔ m’asɛm ho.+
16 Metee no, me yam hyehyee me, na nnyigyei no maa m’ano popoe; me nnompe mu hodwowee,+ na me ho wosowee. Na meyɛɛ dinn twɛn ahohia+ da a ɔbɛba abɛtow ahyɛ ɔman no so no.+