21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfo+ bɛpopaa Asiria hene nsraban+ mu mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ ne wɔn mpanyimfo ne wɔn asahene nyinaa, na ɔde animguase san kɔɔ n’asase so. Akyiri yi, ɔkɔɔ ne nyame fie, na ɔno ara n’asen mu mma de nkrante kum no.+
36 Afei Yehowa bɔfo+ fi kokunkum Asiriafo nsraban no mu+ nnipa mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Bere a nkurɔfo sɔree anɔpatutuutu no, wɔnkɔhwɛ a, wɔn nyinaa afunu sam hɔ.+
10 Me tamfo behu, na nea obisaa me sɛ, “Wo Nyankopɔn Yehowa no wɔ he?”+ no ani bewu pɔtɔɔ.+ Mede m’ani bɛhwɛ no hãã.+ Afei wobetiatia no so te sɛ kwan so atɛkyɛ.+