2 Obefifi sɛ dubaa+ wɔ n’anim, te sɛ ntini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na onni anuonyam,+ na yehu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+
5 Ɛnna mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ ntini no,+ adi nkonim+ ma enti obetumi abue nhoma no mu ayi ne nsɔano ason no.”
16 “‘Me, Yesu, na mesomaa me bɔfo sɛ ommedi eyinom ho adanse nkyerɛ mo mma asafo ahorow no. Mene Dawid ntini+ ne n’aseni,+ adekyee nsoromma+ a ɛharan no.’”