Mmebusɛm 2:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 ɛno na wobɛte Yehowa suro+ ase, na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. Hebrifo 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Bere a Kristo wɔ ɔhonam mu no, ɔnam nteɛm a emu yɛ den+ ne nusu so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ+ baa Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro+ nti, wotiee no.
7 Bere a Kristo wɔ ɔhonam mu no, ɔnam nteɛm a emu yɛ den+ ne nusu so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ+ baa Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro+ nti, wotiee no.