12 Momma ahyɛnsode so wɔ Babilon fasu so.+ Monhyɛ ɔwɛn no mu den.+ Momfa awɛmfo nsisi hɔ.+ Momma atɛwfo nyɛ krado. Yehowa na wabɔ ne tirim, na nea waka atia Babilonfo no, ɔbɛyɛ.”+
27 “Momma ahyɛnsode so wɔ asase no so.+ Monhyɛn abɛn amanaman mu. Munhyira amanaman so ntia no.+ Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahenni nkɔ no so. Momma dɔm anoboaboafo so ntia no. Momma apɔnkɔ+ mmra sɛ mmoadabi manyamanya a wɔrefuw ntaban.