Hiob 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔno na wayɛ Ayis nsorommakuw, Kesil nsorommakuw,Ne Kima nsorommakuw+ ne Anafo fam mpia no; Hiob 38:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Wubetumi akyekyere Kima nsorommakuw abom?Anaasɛ wubetumi asan Kesil nsorommakuw nhama?+ Amos 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea ɔyɛɛ Kima+ nsorommakuw ne Kesil+ nsorommakuw,+ nea ɔma sum kabii+ dan adekyee, nea ɔma adekyee yɛ tumm sɛ anadwo,+ nea ɔfrɛ po mu nsu hwie gu asase so+ no—ne din ne Yehowa.+
8 Nea ɔyɛɛ Kima+ nsorommakuw ne Kesil+ nsorommakuw,+ nea ɔma sum kabii+ dan adekyee, nea ɔma adekyee yɛ tumm sɛ anadwo,+ nea ɔfrɛ po mu nsu hwie gu asase so+ no—ne din ne Yehowa.+