Yesaia 14:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ Asafo Yehowa na waka. “Edin oo,+ nkaefo oo, mma oo, mmanana oo,+ metwa ne nyinaa afi Babilon,” Yehowa anom asɛm ni. Yeremia 50:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na ɔman bi fi atifi fam aba no so.+ Ama n’asase adan ahodwiriwde na obi rentena mu.+ Nnipa ne afieboa nyinaa aguan.+ Wɔn nyinaa kɔ.”+ Yeremia 50:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa abufuw nti, obi rentena mu,+ na n’afã nyinaa bɛdan amamfõ.+ Obiara a obetwam Babilon de ahodwiriw bɛhwɛ na wabɔ hwirema, n’amanehunu no nyinaa nti.+ Yeremia 51:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Momma asase nwosow na enhinhim biribiri,+ na Yehowa adwen biribi atia Babilon sɛ ɔbɛma Babilon asase ayɛ ahodwiriwde, na obi rentena hɔ.+ Adiyisɛm 18:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo a ɛte sɛ owiyammo+ kɛse bi so tow too po+ no mu kae sɛ: “Saa ara na wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wɔrenhu no bio da.+
22 “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ Asafo Yehowa na waka. “Edin oo,+ nkaefo oo, mma oo, mmanana oo,+ metwa ne nyinaa afi Babilon,” Yehowa anom asɛm ni.
3 Na ɔman bi fi atifi fam aba no so.+ Ama n’asase adan ahodwiriwde na obi rentena mu.+ Nnipa ne afieboa nyinaa aguan.+ Wɔn nyinaa kɔ.”+
13 Yehowa abufuw nti, obi rentena mu,+ na n’afã nyinaa bɛdan amamfõ.+ Obiara a obetwam Babilon de ahodwiriw bɛhwɛ na wabɔ hwirema, n’amanehunu no nyinaa nti.+
29 Momma asase nwosow na enhinhim biribiri,+ na Yehowa adwen biribi atia Babilon sɛ ɔbɛma Babilon asase ayɛ ahodwiriwde, na obi rentena hɔ.+
21 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo a ɛte sɛ owiyammo+ kɛse bi so tow too po+ no mu kae sɛ: “Saa ara na wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wɔrenhu no bio da.+