17 Ahemman no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafo a wɔwɔ hɔ no ani gyei, dii ahurusi, na wɔtow pon+ sɛpɛw wɔn ho. Na aman no mu nnipa+ pii yɛɛ wɔn ho Yudafo,+ efisɛ na Yudafo ho hu+ atɔ wɔn so.
6 “Na ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no+ na wɔadɔ Yehowa din,+ na wɔayɛ n’asomfo, wɔn a wodi homeda a wongu ho fĩ na wokura m’apam mu nyinaa no,+
23 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman+ no kasa horow nyinaa bɛba abesuso+ Yudani+ biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ,+ na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+