2 Beresosɛm 36:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Enti ɔmaa Kaldeafo+ hene de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa. Yeremia 51:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Babilon ayɛ sɛ sika kuruwa Yehowa nsam;+ wama asase nyinaa abobow.+ Amanaman no anom ne nsã no.+ Ɛno nti na amanaman no ayɛ sɛ abɔdamfo+ no. Hesekiel 29:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa,+ na ɔbɛfa n’ahode anya asade pii,+ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’ Daniel 5:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Tumi a ɔde maa no nti, aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim.+ Nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtenaa ase; nea ɔpɛ no, ɔmaa no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.+
17 Enti ɔmaa Kaldeafo+ hene de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.
7 Babilon ayɛ sɛ sika kuruwa Yehowa nsam;+ wama asase nyinaa abobow.+ Amanaman no anom ne nsã no.+ Ɛno nti na amanaman no ayɛ sɛ abɔdamfo+ no.
19 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa,+ na ɔbɛfa n’ahode anya asade pii,+ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’
19 Tumi a ɔde maa no nti, aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim.+ Nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtenaa ase; nea ɔpɛ no, ɔmaa no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.+