8 Na ɔhye no toa so kɔfa Hinom ba bon+ no ano kosi Yebusi+ koko so wɔ anafo, kyerɛ sɛ Yerusalem.+ Na ɛforo kɔ bepɔw a ani kyerɛ Hinom bon no atɔe fam wɔ Refaim bon+ no atifi fam.
16 Na esian kɔfa bepɔw a ɛne Hinom ba bon+ di nhwɛanim no akyi pɛɛ. Saa bepɔw yi kɔ ara kodu Refaim+ bon no atifi fam. Na ɔhye no sian kɔfa Hinom bon mu kɔ Yebusifo+ koko so wɔ anafo fam, na efi hɔ kɔ En-Rogel.+