12 Na mede ogya bɛto Egypt+ anyame no afie mu, na ɔbɛhyew na ɔde wɔn akɔ nkoasom mu, na wafura Egypt asase sɛnea oguanhwɛfo fura ntama+ no, na obefi hɔ akɔ asomdwoe mu.
25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahene+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so+ nyinaa so.’