Dwom 107:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Wɔtɔ ntintan te sɛ ɔsabofo,+Na wɔn nyansa nyinaa tu yera.+ Mmebusɛm 20:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nsã yɛ ɔfɛwdifo,+ mmosã yɛ otutupɛfo;+ obiara a ɛde no yɛ akoa no nnim nyansa.+ Yesaia 28:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Eyinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfo ne odiyifo+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ adehu mu, na wohinhim wɔ gyinaesi mu. Yeremia 48:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 ‘Momma ɔnnom nsã mmow+ efisɛ wama ne ho so atia Yehowa;+ Moab ayantam ne fe mu+ na wadan ade a wodi ho fɛw.
7 Eyinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfo ne odiyifo+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ adehu mu, na wohinhim wɔ gyinaesi mu.
26 ‘Momma ɔnnom nsã mmow+ efisɛ wama ne ho so atia Yehowa;+ Moab ayantam ne fe mu+ na wadan ade a wodi ho fɛw.